Acts 2

Pentekoste da

1Petenkoste da no dui no, na asuafo no nyinaa ahyia wɔ faako. 2Amonom hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi soro bae bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma. 3Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako. 4Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma ma wɔkaa kasa foforo.

5Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem. 6Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kasa.

7Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo anaa? 8Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ 9Partifo, Medifo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, 10Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene ne ahɔho a wɔfi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu, 11Kretafo ne Arabifo mu biara kasa mu yi?”

12Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?”

13Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.”

Petro kasa kyerɛ dɔm no

14Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneenen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi. 15Saa nnipa yi mmobow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ, ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow. 16Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se, 17‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no, mehwie me Honhom Kronkron no magu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammea bɛhyɛ nkɔm, ama mo mmerante nso ahu anisoade. Na mo mpanyin nso asoso adae. 18Saa mmere no mu no, mehwie me Honhom Kronkron no agu me nkoa ne me mfenaa mpo so ama wɔahyɛ nkɔm. 19Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne wɔ ɔsoro ne asase so. 20Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya. 21Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.’

22“Israelfo, muntie! Yesu Nasaretni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyannkopɔn nam no so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu. 23Onyakopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii no gyinae se wobeyi Yesu ama mo nanso mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kum no. 24Nanso Onyankopɔn nyanee no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ, owu antumi anni ne so.

25“Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, ‘Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa; ɔwɔ me nifa nti biribiara ntumi nhaw me.

26“ ‘Eyi nti, me kra ani gye na anigye hyɛ me nsɛm ma. Na anidaso mu na mɛtena ase.

27“ ‘Efisɛ, wo Nyankopɔn, wurennyaw me awufo mu. Na woremma wo somfo pa mporɔw.

28“ ‘Woakyerɛ me nkwagye kwan na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.’

29“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne da da so wɔ hɔ besi nnɛ. 30Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni bi ɔhene sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no amma asaman, ne honam amporɔw.’ 32Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefo.

33“Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi.

34“Dawid ankasa de, wankɔ soro na mmom ɔkae se, ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se tena me nsa nifa so ha, 35kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.’

36“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”

37Bere a nnipa no tee saa asɛm yi no ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a aka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?”

38Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne befiri mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no. 39Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”

40Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.” 41Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa gyidifo no ho. 42Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia bubuu abodoo ne wɔn bɔɔ mpae.

Asafo no asetena

43Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree maa obiara a ohui no ho dwiriw no.

44Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu momaa wɔn ho wɔn ho. 45Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara. 46Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu, kamfo Onyakopɔn, nya anuonyam wɔ nnipa anim. 47Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

Copyright information for TwiNAK